transcription
stringlengths 8
162
| audio
audioduration (s) 1.52
15.3
|
---|---|
Na wɔsusuu sɛ wafra nnipakuo no mu nti, wɔkɔɔ da koro kwan,
| |
na wɔhwehwɛɛ no wɔn abusuafoɔ ne amannifoɔ mu.
| |
Na wɔanhu no no, wɔsane baa Yerusalem bɛhwehwɛɛ no.
| |
Na ɛbaa sɛ ne nnansa soɔ no,
| |
wɔkɔhunuu no wɔ asɔrefie sɛ ɔte akyerɛkyerɛfoɔ ntam retie wɔn na ɔrebisabisa wɔn nsɛm.
| |
Na wɔn a wɔtiee no nyinaa, ne nyansa ne ne mmuaeɛ yɛɛ wɔn nwanwa.
| |
Na wɔhunuu no no, ɛyɛɛ wɔn ahodwiri, na ne na see no sɛ: Ɔba,
| |
adɛn na woayɛ yɛn sɛɛ yi? Hwɛ, me ne w’agya de ahoyera na ahwehwɛ woɔ.
| |
Na ɔsee wɔn sɛ: Adɛn nti na mohwehwɛ me? Monnim sɛ ɛsɛ me sɛ metena m’agya fie?
| |
Na wɔn deɛ, wɔante asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn no ase.
| |
Na ɔne wɔn sii mu sane kɔɔ Nasaret, na ɔbrɛɛ ne ho ase maa wɔn.
| |
Na ne na de nsɛm yi nyinaa siee n’akomam.
| |
Na Yesu nyinii nyansa ne kɛseyɛ ne Nyankopɔn ne nnipa nkyɛn adom mu.
| |
Na Kaesare Tiberio ahennie afe a ɛtɔ so dunum mu no,
| |
na Pontio Pilato di Yudea amrado, na Herode di Galilea mansinihene,
| |
na ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti asase so, na Lisania di Abilene mansinihene,
| |
na Hana ne Kaiafa yɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ no, Nyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane nkyɛn serɛ so.
| |
Na ɔbaa Yordan ho asase nyinaa so bɛkaa adwensakyera asubɔ a ɛde kɔ bɔne fakyɛ mu,
| |
sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Odiyifoɔ Yesaia nsɛm nwoma mu sɛ:
| |
Obi nne retea mu serɛ so sɛ: Monsiesie Awurade kwan! Momma n’atempɔn ntene!
| |
Wɔbɛhyɛ abɔn nyinaa ma, na wɔabrɛ mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa ase;
| |
na deɛ akyea no bɛtene, na akwan mmonkyimmɔnka ayɛ tonomtonom.
| |
Na honam nyinaa bɛhunu Nyankopɔn nkwagyeɛ.
| |
Ɛnna ɔka kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo a wɔfiri baa sɛ ɔmmɔ wɔn asu no sɛ:
| |
Nhuritia mma! Hwan na ɔbɔɔ mo kɔkɔ sɛ monnwane mfiri abufuo a ɛreba no ho?
| |
Na afei monso aba a ɛfata adwensakyera, na mommfiri aseɛ nnka no mo mu sɛ: Yɛn agya ne Abraham;
| |
na mese mo sɛ, Onyankopɔn bɛtumi anyane mma afiri aboɔ yi mu ama Abraham.
| |
Nanso wɔde akuma no ato nnua nhini no ho dada sɛ dua biara a ɛnso aba pa no, wɔbɛtwa ato ogya mu.
| |
Na nkurɔfoɔ akuakuo no bisaa no sɛ: Na yɛnyɛ dɛn?
| |
Na ɔbuaa wɔn sɛ: Deɛ ɔwɔ ntadeɛ mmienu no, ma no nkyɛ mu mma deɛ ɔnni bie bi,
| |
na deɛ ɔwɔ aduane no, ma no nyɛ saa ara.
| |
Na togyefoɔ nso baa sɛ ɔmmɔ wɔn asu, na wɔbisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, ɛdeɛn na yɛnyɛ?
| |
Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnnye nnkyɛne deɛ wɔatwa ato hɔ no.
| |
Na asraafoɔ nso bisaa no sɛ: Yɛn nso yɛnyɛ dɛn? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:
| |
Monnyɛ obiara haihai, nso monntoto obi ano kwa, na momma mo akatua nsɔ mo ani.
| |
Na ɛsiane sɛ ɔman no hwɛ kwan, na wɔn nyinaa susu wɔn akoma mu sɛ ebia Yohane ne Kristo no nti,
| |
Yohane kasa kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ: Me deɛ, mede nsuo na mebɔ mo asu;
| |
na deɛ ne ho yɛ den sene me reba a mensɛ sɛ mesane ne mpaboa homa.
| |
Ɔno na ɔde Honhom Kronkron ne ogya bɛbɔ mo asu.
| |
Ɔno na ne nhusoɔ apaawa kuta ne nsam, na ɔbɛpra n’aporeeɛ hɔ fitaa,
| |
na waboaboa ayuo no ano agu ne san so, na ntɛtɛ no deɛ, ɔde ogya a ɛnnum da bɛhye.
| |
Na nnoɔma pii nso ka ho a ɔde tuu ɔman no fo kaa asɛmpa kyerɛɛ wɔn.
| |
Na ɔmansinihene Herode, ne nua yere Herodia ho bɔne a wayɛ na Yohane kaa n’anim nti,
| |
ɔde yei kaa ne nyinaa ho de Yohane too afiase.
| |
Na ɛbaa sɛ ɔbɔɔ ɔman no nyinaa asu no, ɔbɔɔ Yesu nso asu, na ɔrebɔ mpaeɛ no, ɔsoro bueeɛ
| |
na Honhom Kronkron sianee honam tebea mu te sɛ aburuburo baa ne so,
| |
na ɛnne bi firi soro kaa sɛ: Wone me dɔba, wo na wosɔ m’ani.
| |
Yesu firii n’adwuma aseɛ no, na wadi bɛyɛ mfirinhyia aduasa,
| |
(na nkurɔfoɔ dwenee no sɛ ɔyɛ Yosef ba), Eli ba,
| |
Mattat ba, Lewi ba, Melki ba, Yanai ba, Yosef ba,
| |
Matatia ba, Amos ba, Nahum ba, Hesli ba, Nagai ba,
| |
Mahat ba, Matatia ba, Semein ba, Yosek ba, Yoda ba,
|
Subsets and Splits
No community queries yet
The top public SQL queries from the community will appear here once available.